Star Trek

Star Trek yɛ Amerikafoɔ franchise a ɛfa nyansahu mu ayɛsɛm ho. Ɛgyina television so sini a ne din ne Star Trek no so. Gene Roddenberry na ɔyɛɛ sini no ho adwene, na wɔdaa no adi wɔ Amerika firi afe 1966 kɔsi afe 1969.[1] Star Trek nnɛ yɛ sini ahorow nkron a wɔde nnipa ankasa yɛ ne mfonini sini ahorow pii a ne nyinaa bom yɛ nsɛm a ɛboro 900. Ɛsan wɔ sini akɛse 13 a wɔyɛ ma sini dan mu, VoD sini biako ne radio so agodie biako a wɔtie.[2]
Nsɛm a ɛkɔ so wɔ sini no mu no taa si afeha a ɛto so 22 kosi afeha a ɛto so 25 ne afeha a ɛto so 32 mu. Mpɛn pii no, nsɛm no fa ahunmu hyɛn bi a wɔtaa frɛ no Enterprise anaa ahunmu gyinabea bi adwumayɛfo ho. Wɔn mu dodow no ara yɛ United Federation of Planets no mufo. Saa nkabom yi ka abɔde ahorow a wofi Milky Way galaxy no mu bom. Nsɛm no ka wɔn a wɔhyia abɔde foforo ne nneɛma a ɛfa nsoromma ne ahunmu ho ho asɛm. Ɛsan ka asetra mu nsɛm, amammuisɛm, nyansapɛ ne abrabɔ pa ho nsɛmmisa ho asɛm.[3]
TV so dwumadi a wɔde nnipa ankasa yɛ a ɛtoatoa so
[sesa]- Star Trek (Nsɛm a Edi Kan)
(1966-1969) - Star Trek: The Next Generation
(1987-1993) - Star Trek: Deep Space Nine
(1993-1999) - Star Trek: Voyager
(1995-2001) - Star Trek: Enterprise
(2001-2005) - Star Trek: Discovery
(2017-2024) - Star Trek: Picard
(2020-2023 - Star Trek: Strange New Worlds
(firi 2022) - Star Trek: Starfleet Academy
(firi 2026)
TV so dwumadi a wɔayɛ no mfonini a ɛtoatoa so
[sesa]- 1973-1974: Star Trek: The Animated Series
- 2020-2024: Star Trek: Lower Decks
- 2021-2024: Star Trek: Prodigy
Sini
[sesa]- 1979: Star Trek: The Motion Picture
- 1982: Star Trek Ⅱ: The Wrath of Khan
- 1984: Star Trek III: The Search for Spock
- 1986: Star Trek IV: The Voyage Home
- 1989: Star Trek V: The Final Frontier
- 1991: Star Trek VI: The Undiscovered Country
- 1994: Star Trek: Generations
- 1996: Star Trek: First Contact
- 1998: Star Trek: Insurrection
- 2002: Star Trek: Nemesis
- 2009: Star Trek
- 2013: Star Tek Into Darkness
- 2016: Star Trek Beyond
- 2025: Star Trek: Section 31
Ɔyɛfoɔ (Paw a wɔpaw)
[sesa]- Nichelle Nichols
- LeVar Burton
- Avery Brooks
- Kate Mulgrew
- Tim Russ
- Scott Bakula
- Anthony Montgomery
- Sonequa Martin-Green
- Michelle Hurd
- Anson Mount
- Celia Rose Gooding
- Holly Hunter
- Sandro Rosta
Abɔnten nkitahodi
[sesa]Nsɛm a wɔde gyinaa so
[sesa]- ↑ John Uri (2019-06-03), 50 Years of NASA and Star Trek Connections (in American English), NASA, retrieved 2026-10-28
- ↑ Celebrating 60 Years of ‘Star Trek’ Around the Globe (in English), Skydance, 2026-09-03, retrieved 2026-10-28
- ↑ Lincoln Geraghty (2008), The influence of Star Trek on television, film and culture, Critical explorations in science fiction and fantasy, Jefferson, NC: McFarland, ISBN 978-0-7864-3034-5, retrieved 2026-10-28